Song of Solomon 5

Aberante:


1Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo;
maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano.
Madi me wokyɛm ne ɛwo;
manom me bobesa ne me nufusu.

Nnamfonom:

Nnamfonom, munnidi na monnom;
Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.

Ababaa:


2 Medae, nanso me koma anna.
Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu;
“Bue me, me nuabea, me dɔ,
mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.
Obosu afɔw me tirim,
anadwo mu bosu afɔw me nwi.”

3 Maworɔw mʼatade,
mensan mfa nhyɛ ana?
Mahohoro mʼanan ase,
memma ho nyɛ fi bio ana?

4 Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no
me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu.

5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo,
na me nsa ho kurobow
ne me nsateaa ho aduhuam,
yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.

6 Mibue maa me dɔfo no,
nanso na ɔkɔ.
Ne kɔ no maa me ho dwiriw me.
Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara.
Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

7 Awɛmfo no huu me
bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu.
Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;
woyii mʼatade kɔe;
saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!

8 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo,
sɛ muhu me dɔfo no a,
asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?
Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.

Nnamfonom:


9 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo,
mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?
Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a
enti wohyɛ yɛn sɛɛ?

Ababaa:


10 Me dɔfo ho twa na ogyigye,
wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.

11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa;
ne ti so nwi yɛ kuhaa,
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.

12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a
ogyina asuwa bi ho;
ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no,
na etuatua hɔ sɛ abohemaa.

13 Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ.
Ɛho hua te sɛ aduhuam.
Nʼanofafa te sɛ sukooko
a ɛsosɔ kurobow.

14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa
a wɔde sikabereɛbo asisi mu.
Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho
na wɔde hoabo adura ho.

15 Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a
esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so.
Ne bɔbea te sɛ Lebanon a
ɔyɛ sononko sɛ ne sida.

16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;
ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.
Me dɔfo ni, mʼadamfo ni,
Yerusalem mmabea.
Copyright information for TwiAKNA